Psalms 17

Dawid Mpaebɔ.


1 Awurade, tie me trenee abisade;
tie me sufrɛ.
Yɛ aso ma me mpaebɔ;
nea emfi nnaadaa anofafa mu.

2 Ma me bembu mfi wo;
ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ.


3 Wopɛɛpɛɛ me koma mu,
wohwehwɛ me mu anadwo,
na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ;
mʼano nkaa bɔne bi ɛ.

4 Nnipa nneyɛe fam no,
anom asɛm nti
matwe me ho afi
basabasayɛfo akwan ho.

5 Menam wʼakwan so daa;
me nan nhintiw ɛ.


6 Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn
na wubegye me so;
yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ.

7 Da wo dɔ nwonwaso no adi;
wo a wode wo nsa nifa
gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa
fi wɔn atamfo nsam no.

8 Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;
fa me sie wo ntaban nwini no ase,

9 fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam,
mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.


10 Wopirim wɔn koma,
na wɔkasa ahantan so.

11 Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;
wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.

12 Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no,
te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee.


13 Sɔre, Awurade!
Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;
fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam.

14 Awurade, fa wo nsa
gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam;
asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no.
Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;
wɔn mmabarima wɔ bebree,
na wɔkora agyapade ma wɔn mma.


Na me trenee mu, mehu wʼanim;
sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

15
Copyright information for TwiAKNA